Psalms 38

Ɔmanehunufo mpaebɔ

1O Awurade, ntwe mʼaso wɔ wʼabufuw mu!
2Wode wʼagyan apira me.
Woabɔ me ahwe fam.
3Wʼabufuw no nti mewɔ yaw a ano yɛ den mu.
Me bɔne nti, ɔyare adidi me honam nyinaa.
4Me bɔne reyiri fa me; ɛyɛ adesoa a emu yɛ me duru.
5Esiane sɛ magyimi nti, mʼakuru bɔn na ɛreporɔw.
6Makotow ma wɔabubu me.
Mitwa agyaadwo daa nyinaa.
7Atiridii rekum me.
Mereyɛ awu.
8Mabrɛ a mapɛkyɛw koraa.
Me koma redi yaw na yaw ama merepene.
9O Awurade, wunim nea me kɔn dɔ.
Wote mʼapinisi nyinaa.
10Me koma repere.
Mʼahoɔden asa na mʼaniwa adum.
11Me nnamfo ne mʼafipamfo remmɛn me; mʼakuru nti, mʼabusuafo mpo twe wɔn ho fi me ho.
12Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no, sum me firi na wɔn a wɔpɛ sɛ wopira me no, hunahuna me; wonnyae sɛ wɔpɛ me bɔne da.
13Mete sɛ ɔsotifo; mente asɛm.
Mete sɛ mumu; mintumi nkasa.
14Mete sɛ obi a ɔmma mmuae efisɛ, mente asɛm.
15Nanso mede me ho to wo so,
O Awurade; na wo, O Awurade me Nyankopɔn, wubebua me.
16Mma mʼatamfo ani nnye mʼamanehunu ho.
Mma wɔmmfa mʼasehwe nhoahoa wɔn ho.
17Mereyɛ ahwe ase enti mewɔ yaw mu daa.
18Meka me bɔne.
Ɛma me werɛ how.
19Mʼatamfo wɔ apɔwmuden ne ahoɔden.
Bebree wɔ hɔ a wɔtan me kwa.
20Wɔn a wɔde bɔne tua papa ka no tia me efisɛ, mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ papa.
21Nnyaw me,
O Awurade.
Nkɔ akyiri, O me Nyankopɔn!
22Boa me mprempren,
Awurade, mʼagyenkwa.
Copyright information for TwiNAK